4 Momma wɔntwa mo twetia mma Yehowa na montwa mo akoma twetia,+ mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, na mo nneyɛɛ bɔne nti m’abufuo amfiri adi sɛ egya ammɛhye a obiara nni hɔ a ɔbɛdum no.”+
26 Egyptfoɔ+ ne Yudafoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Moabfoɔ+ ne obiara a ɔte serɛ so a watwitwa n’abɔdwesɛ no,+ mɛbu wɔn nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofoɔ na Israel fie nyinaa nso yɛ akomam momonotofoɔ.”+
7 Mode ahɔhoɔ a wɔyɛ akomam momonotofoɔ ne honam mu momonotofoɔ+ ba me kronkronbea hɔ bɛgu ho fĩ, me ara me fie. Na mode m’aduane,+ sradeɛ+ ne mogya,+ bɛbɔ afɔdeɛ, berɛ a mo abofonodeɛ nyinaa nti wɔbu m’apam soɔ no.+
29 Na mmom Yudani ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu,+ a ne twetiatwa nso yɛ akomam deɛ+ a ɛnam honhom so, na ɛnyɛ mmara a wɔatwerɛ so.+ Saa nipa no ayeyie+ mfiri nnipa na mmom ɛfiri Onyankopɔn.+