8 Na sɛ ne nsa ansõ odwan so a, ɛnneɛ ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu+ mmra, na wɔmfa baako mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔmfa baako nso mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mfa mpata+ mma no na ne ho ate.’”
21 “Na sɛ ɔyɛ hiani+ na ne nsa nsõ so+ a, ɔmfa odwennini kumaa baako mmra sɛ asodie afɔdeɛ ne ohim afɔdeɛ, na wɔmfa mpata mma no. Afei ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako a ɔde ngo afra ne ngo toa baako mmra sɛ aduane afɔdeɛ,