Exodus 12:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Momfa onini a wadi afe+ a ɔte apɔ,+ odwan anaa abirekyie. Numeri 6:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ɔmfa odwennini baako a wadi afe a ɔte apɔ mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ mma Yehowa na ɔmfa odwammereɛ baako a wadi afe a ɔte apɔ mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ+ na ɔmfa odwennini baako a ɔte apɔ nso mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.+ 2 Korintofoɔ 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Deɛ na ɔnnim bɔne no,+ ɔde no yɛɛ bɔne+ maa yɛn, na yɛnam ne so ayɛ Onyankopɔn tenenee.+ Hebrifoɔ 7:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Na ɔsɔfo panin a ɔte saa no fata yɛn,+ ɔdi nokorɛ,+ bɔne nni ne mu,+ efĩ nni ne ho,+ ɔmfra abɔnefoɔ mu,+ na wɔama no so asene ɔsoro.+ 1 Petro 1:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Mmom no ɛnam mogya a ɛsom boɔ so,+ te sɛ adwammaa a dɛm ne nkekaeɛ biara nni ne ho,+ Kristo+ no ara deɛ.
14 Ɔmfa odwennini baako a wadi afe a ɔte apɔ mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ mma Yehowa na ɔmfa odwammereɛ baako a wadi afe a ɔte apɔ mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ+ na ɔmfa odwennini baako a ɔte apɔ nso mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.+
26 Na ɔsɔfo panin a ɔte saa no fata yɛn,+ ɔdi nokorɛ,+ bɔne nni ne mu,+ efĩ nni ne ho,+ ɔmfra abɔnefoɔ mu,+ na wɔama no so asene ɔsoro.+
19 Mmom no ɛnam mogya a ɛsom boɔ so,+ te sɛ adwammaa a dɛm ne nkekaeɛ biara nni ne ho,+ Kristo+ no ara deɛ.