5 Enti sɛ mowɛn mo aso tie+ m’asɛm na modi m’apam+ so a, ɛnneɛ mɛte mo afiri aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapadeɛ titire,+ ɛfiri sɛ asase nyinaa yɛ me dea.+
16 Na sɛ wo ne yɛn ankɔ+ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhunu sɛ me ne wo nkurɔfoɔ yi anya w’anim adom? Hwɛ, ɛnyɛ yei na ɛbɛma me ne wo nkurɔfoɔ yi ada nso wɔ nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho?”+
53 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woyii wɔn yɛɛ w’agyapadeɛ firii asase so aman nyinaa mu,+ sɛdeɛ wonam w’akoa Mose+ so kaeɛ berɛ a woyii yɛn agyanom firii Egypt no.”
16 Na baakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ?+ Yɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asɔrefie,+ sɛdeɛ Onyankopɔn kaeɛ no sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+
9 Nanso mo deɛ, moyɛ “abusua a wɔayi mo, adehyeɛ asɔfokuo, ɔman kronkron,+ nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapadeɛ soronko,+ sɛ monka” deɛ ɔfrɛɛ mo firii sum mu baa ne hann nwanwasoɔ+ mu no “nneyɛɛ pa nkyerɛ.”+