Exodus 18:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Na wo ara hwɛ nkurɔfoɔ no mu yi mmarima a wɔfata,+ wɔsuro Nyankopɔn,+ wɔdi nokorɛ,+ na wɔnyɛ adufudepɛ;+ yɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara+ so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara+ so. Deuteronomium 1:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Monyi mo mmusua mu mmarima anyansafoɔ a wɔn ani da hɔ+ na wɔwɔ suahunu,+ na memfa wɔn nsisi mo so.’+ Deuteronomium 16:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Sisi atemmufoɔ+ ne mpanimfoɔ+ wɔ nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuo biara no apono ano, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no atɛn. Deuteronomium 21:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 ɛnneɛ ne papa ne ne maame mfa no mmra ne kurom mpanimfoɔ anim wɔ kuro no pono ano.+
21 Na wo ara hwɛ nkurɔfoɔ no mu yi mmarima a wɔfata,+ wɔsuro Nyankopɔn,+ wɔdi nokorɛ,+ na wɔnyɛ adufudepɛ;+ yɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara+ so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara+ so.
13 Monyi mo mmusua mu mmarima anyansafoɔ a wɔn ani da hɔ+ na wɔwɔ suahunu,+ na memfa wɔn nsisi mo so.’+
18 “Sisi atemmufoɔ+ ne mpanimfoɔ+ wɔ nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuo biara no apono ano, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no atɛn.