15 Na sɛ Yehowa ma mo nuanom home sɛ mo na wɔfa asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama wɔn+ no a, afei mobɛtumi asan aba abɛfa asase+ a wɔde ama mo no, deɛ Yehowa akoa Mose de ama mo Yordan agya wɔ apueeɛ fam no.’”+
4 Seesei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti monsan nkɔ mo ntomadan mu, asase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya no so.+
8 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa ahonyadeɛ ne nyɛmmoa bebree pa ne dwetɛ ne sika ne kɔbere ne nnadeɛ ne ntadeɛ a ɛdɔɔso paa nkɔ.+ Na mo ne mo nuanom nkyɛ asadeɛ+ a monya firii mo atamfo hɔ no.”