Deuteronomium 7:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpamo aman akɛseɛ yi afiri w’anim:+ Hitifoɔ,+ Girgasifoɔ,+ Amorifoɔ,+ Kanaanfoɔ,+ Perisifoɔ,+ Hiwifoɔ+ ne Yebusifoɔ.+ Aman nson yi dɔɔso na wɔn ho yɛ den sene wo.+ Yosua 1:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Baabiara a mo nan bɛtia no, mede bɛma mo sɛdeɛ mehyɛɛ Mose bɔ no.+ Dwom 44:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wo na wode wo nsa pamoo amanaman,+Na wɔn deɛ, wode wɔn duaa hɔ.+Wobubuu amanaman, na wopamoo wɔn.+
7 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpamo aman akɛseɛ yi afiri w’anim:+ Hitifoɔ,+ Girgasifoɔ,+ Amorifoɔ,+ Kanaanfoɔ,+ Perisifoɔ,+ Hiwifoɔ+ ne Yebusifoɔ.+ Aman nson yi dɔɔso na wɔn ho yɛ den sene wo.+