Leviticus 26:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Mo mu nnum bɛtĩ nnipa ɔha, na mo mu ɔha atĩ mpem du, na mo atamfo atotɔ nkrantɛ ano mo anim.+ Atemmufoɔ 3:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 N’akyi no, Anat ba Samgar+ nso gyee Israelfoɔ firii Filistifoɔ+ nsam, na ɔde poma a wɔde ka anantwie kɔkunkum mmarima ahansia.+ 1 Samuel 14:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ momonotofoɔ+ yi awɛmfoɔ dɔm no mu. Ebia Yehowa bɛdi ama yɛn ɛfiri sɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so bɛgye nkwa.”+ 2 Samuel 23:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Dawid nnɔmmarima+ no din nie: Takemoni Yoseb-Basebet+ a ɔyɛ mmiɛnsa no so panin. Ɔno na ɔgyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa ahanwɔtwe da koro.
31 N’akyi no, Anat ba Samgar+ nso gyee Israelfoɔ firii Filistifoɔ+ nsam, na ɔde poma a wɔde ka anantwie kɔkunkum mmarima ahansia.+
6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ momonotofoɔ+ yi awɛmfoɔ dɔm no mu. Ebia Yehowa bɛdi ama yɛn ɛfiri sɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so bɛgye nkwa.”+
8 Dawid nnɔmmarima+ no din nie: Takemoni Yoseb-Basebet+ a ɔyɛ mmiɛnsa no so panin. Ɔno na ɔgyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa ahanwɔtwe da koro.