5 Na momma mempɛ paanoo sini bi mma mo na momfa nnwodwo mo akoma.+ Mowie a afei mobɛtumi akɔ, ɛfiri sɛ ɛno nti na mobɛfaa mo akoa ha yi.” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛate. Yɛ sɛdeɛ woaka no.”
5 Afei da a ɛtɔ so nnan no, wɔsɔree anɔpatutuutu, sɛdeɛ wɔyɛ daa no, na ɔsiesiee ne ho sɛ ɔrekɔ, nanso ababaa no papa ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: “Fa biribi kakra ka w’ano+ ansa na moakɔ.”
7 Ɛbaa sɛ berɛ a Boas adidi na wanom ama n’ani agye+ n’akomam no, ɔkɔdaa atokoɔ a wɔaboa ano no akyi. Na ɔbaa no yɛɛ brɛoo kɔyii ne nan ho ntoma daa hɔ.