18 Ɛhɔ ara na honhom+ sii Amasai, aduasa so panin no soɔ, na ɔkaa sɛ:
“O Dawid, yɛyɛ wo dea, na w’afã na yɛwɔ,+ O Yese ba.
Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ na ɛnka woɔ, na asomdwoeɛ nka wo boafoɔ,
Ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn na waboa woɔ.”+
Enti Dawid gyee wɔn too mu, na ɔde wɔn kaa asraafoɔ mpanimfoɔ no ho.+