Yosua 8:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Berɛ a Ai hene hunuu saa no, ɔne ne man nyinaa, kuro no mu mmarima, sɔree ntɛm sɛ wɔne Israelfoɔ no rekɔko wɔ serɛ no so wɔ berɛ a wɔahyɛ mu. Nanso na ɔnnim sɛ ebinom akɔtɛ kuro no akyi.+ Atemmufoɔ 20:41 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Ɛnna Israel mmarima no danee wɔn ho,+ na Benyaminfoɔ no bɔɔ hu,+ ɛfiri sɛ na wɔahunu sɛ asɛm ato wɔn.+ Mmebusɛm 4:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum kabii;+ wɔnnim deɛ ɛma wɔkɔ so sunti.+ Mmebusɛm 28:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Anigyeɛ ne onipa a ɔsuro ne ho daa,+ na deɛ ɔpirim n’akoma deɛ, ɔbɛhwe mmusuo mu.+ Mmebusɛm 29:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Onipa a wɔtaa kasa kyerɛ no+ a ɔsene ne kɔn no,+ ɔbɛbu mpofirem, na ɔrennya ayaresa.+
14 Berɛ a Ai hene hunuu saa no, ɔne ne man nyinaa, kuro no mu mmarima, sɔree ntɛm sɛ wɔne Israelfoɔ no rekɔko wɔ serɛ no so wɔ berɛ a wɔahyɛ mu. Nanso na ɔnnim sɛ ebinom akɔtɛ kuro no akyi.+
41 Ɛnna Israel mmarima no danee wɔn ho,+ na Benyaminfoɔ no bɔɔ hu,+ ɛfiri sɛ na wɔahunu sɛ asɛm ato wɔn.+