10 Yehowa maa wɔn ani tanee wɔ Israelfoɔ no anim,+ na wɔde nkrantɛ kunkum dɔm kɛseɛ wɔ Gibeon.+ Na wɔtĩĩ wɔn faa Bet-Horon aforoeɛ, na wɔkunkum wɔn bɛduruu Aseka+ ne Makeda.+
6 Ná Yehowa ama Siriafoɔ no ate+ ɛko nteaseɛnam, apɔnkɔ, ne asraafoɔdɔm kɛseɛ nka+ wɔ wɔn nsraban no mu. Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Israel hene na wakɔbɔ Hitifoɔ ahemfo+ ne Egypt ahemfo+ paa ama wɔreba yɛn soɔ no oo!”