6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ momonotofoɔ+ yi awɛmfoɔ dɔm no mu. Ebia Yehowa bɛdi ama yɛn ɛfiri sɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so bɛgye nkwa.”+
26 Na Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne nkyɛn no sɛ: “Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛku saa Filistini+ yi na wayi ahohorabɔ afiri Israel soɔ+ no? Hwan koraa ne Filistini momonotoni+ yi a ɔretwa Onyankopɔn teasefoɔ+ no mpasua mpoa+ yi?”
4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ deɛ ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Twe wo nkrantɛ+ fa hwire me mu na momonotofoɔ+ yi ammɛhwire me mu anyɛ me aninyanneɛ.” Nanso n’akodeɛkurafoɔ no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka no. Enti Saul faa nkrantɛ no na ɔhwee so.+