1 Samuel 20:42 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ,+ ɛfiri sɛ yɛn mmienu nyinaa aka ntam+ Yehowa din mu sɛ, ‘Yehowa ntena me ne wo ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa.’”+ Ɛnna Dawid sɔre siim kɔɔ ne kwan, na Yonatan nso kɔɔ kuro no mu. 2 Samuel 15:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.”+ Enti ɔsɔre kɔɔ Hebron. 2 Ahemfo 5:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.”+ Enti ɔsiim firii ne nkyɛn twaa kwan kakra.
42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ,+ ɛfiri sɛ yɛn mmienu nyinaa aka ntam+ Yehowa din mu sɛ, ‘Yehowa ntena me ne wo ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa.’”+ Ɛnna Dawid sɔre siim kɔɔ ne kwan, na Yonatan nso kɔɔ kuro no mu.