17 Ɛno nti na w’afenaa kaa sɛ, ‘Ma me wura ɔhene anom asɛm mma me ɔhome.’ Ɛfiri sɛ me wura ɔhene te sɛ nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ,+ na ɔtumi hunu papa ne bɔne;+ Yehowa, wo Nyankopɔn nni w’akyi.”
14 Na deɛ ɛyɛɛ me honam mu no yɛɛ sɔhwɛ maa mo deɛ, nanso moammu me animtia na moante me so ntasuo sɛ atantanneɛ; mmom no mogyee me sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ,+ te sɛ Kristo Yesu.+