21 Ɔsɔfoɔ Eleasar anim na ɔbɛgyina, na ɔbɛgyina n’ananmu de Urim*+ abisa+ Yehowa hɔ adeɛ. Sɛ ɔka sɛ wɔnkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra a wɔbɛba, ɔne Israelfoɔ a wɔka ne ho ne asafo mũ no nyinaa.”
28 Ná Aaron ba Eleasar ba Finehas+ na ɔgyina adaka no anim,+ na ɔkaa sɛ: “Mensan nkɔ ne me nua Benyamin nkɔko anaa mennyae?”+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Kɔ, ɛfiri sɛ ɔkyena mede no bɛhyɛ wo nsa.”+
11 Keilafoɔ de me bɛhyɛ ne nsa anaa? Saul bɛsiane aba ha ampa sɛdeɛ w’akoa ateɛ no? O Yehowa, Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ka kyerɛ w’akoa.” Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Ɔbɛsiane aba.”+