6 Ɛnna Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Baala+ a ɛne Kiriat-Yearim, wɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn a ɔte kerubim+ soɔ no adaka a ne din da soɔ no aba.
16Na wɔde nokorɛ Nyankopɔn adaka no baeɛ,+ na wɔde bɛsii ntomadan a Dawid si maa no no mu;+ na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ nokorɛ Nyankopɔn anim.+
4 Nokorɛ Nyankopɔn adaka+ no deɛ, na Dawid akɔfa afiri Kiriat-Yearim+ aba baabi a Dawid siesie maa no no,+ ɛfiri sɛ na wasi ntomadan ama no Yerusalem.+