22 Mɛyi me ho adi akyerɛ wo hɔ, na me ne wo bɛkasa mmuasoɔ+ no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ adanseɛ adaka no soɔ no ntam. Ɛhɔ na mɛkyerɛ wo ahyɛdeɛ a mede bɛma Israel nyinaa.+
89 Afei sɛ Mose kɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu na ɔne Nyankopɔn rekasa+ a, na ɔte nne a ɛne no rekasa no firi adanseɛ adaka mmuasoɔ+ no so wɔ kerubim+ mmienu no ntam.
4 Enti ɔman no soma kɔɔ Silo kɔfaa asafo Yehowa a ɔte kerubim+ soɔ no apam adaka no baeɛ. Ná Eli mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas, wɔ nokorɛ Nyankopɔn apam adaka no ho.+
2 Na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɔreeɛ, na wɔkɔɔ Baale-Yuda+ sɛ wɔrekɔfa asafo Yehowa,+ nokorɛ Nyankopɔn a ɔte kerubim soɔ+ no adaka+ a ne din+ da soɔ no afiri hɔ aba.
15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ+ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a wote kerubim+ soɔ, wo nko ara wone nokorɛ Nyankopɔn, asase so+ ahennie+ nyinaa so. Wo na woyɛɛ ɔsoro+ ne asase.+