26 Mene deɛ ɔma n’akoa asɛm yɛ nokorɛ na ɔma n’abɔfoɔ agyinatuo ba mu;+ deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena mu,’+ ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,+ na n’amamfõ nso, mɛma so agyina.’+
6 Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mede maa me nkoa adiyifoɔ+ no amma mu wɔ mo agyanom so anaa?’+ Enti wɔsan baeɛ na wɔkaa sɛ: ‘Deɛ Yehowa susuu sɛ ɔde bɛyɛ yɛn,+ sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, ɛno ara na ɔde ayɛ yɛn yi.’”+