Deuteronomium 28:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “Ɛsiane sɛ woayɛ Yehowa anim bɔne na woapo me nti,+ ɔde nnome+ ne ahoyera+ ne asotwe+ bɛba biribiara a wobɛyɛ biara so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ ama w’ase atɔre prɛko pɛ. Yesaia 3:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase,+ ɛfiri sɛ wɔn kɛtrɛma ne wɔn nneyɛɛ asɔre atia Yehowa,+ na wɔate onimuonyamfoɔ no anim atua.+ Hesekiel 20:43 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 Ɛhɔ na mobɛkae mo akwan+ ne deɛ moayɛ de agu mo ho fĩ nyinaa,+ na abofonodeɛ ne nneɛma bɔne a moayɛ nyinaa bɛma moafɛre.+ Hosea 9:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “Wɔn nnebɔne nyinaa sii wɔ Gilgal,+ enti ɛhɔ na na ɛsɛ sɛ metan wɔn.+ Wɔn amumuyɔ nti mɛpamo wɔn afiri me fie.+ Na merenkɔ so nnɔ wɔn bio.+ Hwɛ, wɔn aberempɔn nyinaa asensene wɔn kɔn.+
20 “Ɛsiane sɛ woayɛ Yehowa anim bɔne na woapo me nti,+ ɔde nnome+ ne ahoyera+ ne asotwe+ bɛba biribiara a wobɛyɛ biara so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ ama w’ase atɔre prɛko pɛ.
8 Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase,+ ɛfiri sɛ wɔn kɛtrɛma ne wɔn nneyɛɛ asɔre atia Yehowa,+ na wɔate onimuonyamfoɔ no anim atua.+
43 Ɛhɔ na mobɛkae mo akwan+ ne deɛ moayɛ de agu mo ho fĩ nyinaa,+ na abofonodeɛ ne nneɛma bɔne a moayɛ nyinaa bɛma moafɛre.+
15 “Wɔn nnebɔne nyinaa sii wɔ Gilgal,+ enti ɛhɔ na na ɛsɛ sɛ metan wɔn.+ Wɔn amumuyɔ nti mɛpamo wɔn afiri me fie.+ Na merenkɔ so nnɔ wɔn bio.+ Hwɛ, wɔn aberempɔn nyinaa asensene wɔn kɔn.+