Deuteronomium 20:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wohunu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ ne dɔm a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt asase soɔ no+ ka wo ho.+ Yosua 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Adɛn, menhyɛɛ wo+ sɛ ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den? Nsuro na mmɔ hu,+ ɛfiri sɛ baabi a wobɛkorɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+ 1 Samuel 17:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Israel mmarima no deɛ, berɛ a wɔhunuu ɔbarima no, ne nti wɔn nyinaa dwaneeɛ, ɛfiri sɛ na wɔsuro yie.+ Dwom 27:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.+Hwan na mɛsuro no?+Yehowa ne me nkwa abandenden.+Hwan na me ho bɛpopo n’anim?+ Yesaia 51:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Me—me ara na mɛkyekyere mo werɛ.+ “Wo deɛ, adɛn nti na wosuro ɔdasani a ɔbɛwuo+ ne onipa ba a wɔbɛma no ayɛ sɛ wura mono?+
20 “Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wohunu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ ne dɔm a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt asase soɔ no+ ka wo ho.+
9 Adɛn, menhyɛɛ wo+ sɛ ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den? Nsuro na mmɔ hu,+ ɛfiri sɛ baabi a wobɛkorɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+
24 Israel mmarima no deɛ, berɛ a wɔhunuu ɔbarima no, ne nti wɔn nyinaa dwaneeɛ, ɛfiri sɛ na wɔsuro yie.+
27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.+Hwan na mɛsuro no?+Yehowa ne me nkwa abandenden.+Hwan na me ho bɛpopo n’anim?+
12 “Me—me ara na mɛkyekyere mo werɛ.+ “Wo deɛ, adɛn nti na wosuro ɔdasani a ɔbɛwuo+ ne onipa ba a wɔbɛma no ayɛ sɛ wura mono?+