1 Samuel 3:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Enti Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wamfa biribiara anhunta no. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Yehowa. Deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ no, ma no nyɛ.”+ 1 Samuel 14:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ momonotofoɔ+ yi awɛmfoɔ dɔm no mu. Ebia Yehowa bɛdi ama yɛn ɛfiri sɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so bɛgye nkwa.”+ 2 Samuel 15:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Na sɛ ɔka sɛ, ‘M’ani nnye wo ho’ nso a, menie, deɛ ɛtene n’ani soɔ biara, ma no mfa nyɛ me.”+ Dwom 37:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa,+Na fa wo ho to ne so,+ na ɔno na ɔbɛyɛ.+ Dwom 44:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Wo so na yɛnam sum yɛn atamfo guo;+Wo din mu na yɛnam tiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no soɔ.+ Mmebusɛm 29:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Onipa ho suro sum fidie,+ na deɛ ɔde ne ho to Yehowa soɔ no, ɔbɛnya ahobammɔ.+
18 Enti Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wamfa biribiara anhunta no. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Yehowa. Deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ no, ma no nyɛ.”+
6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ momonotofoɔ+ yi awɛmfoɔ dɔm no mu. Ebia Yehowa bɛdi ama yɛn ɛfiri sɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so bɛgye nkwa.”+