24 Na ɔdii biribiara a ɛwɔ asubɔnten kɛseɛ+ no fã ha so, ɛfiri Tifsa kɔsi Gasa,+ ne ahemfo a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ no fã ha nyinaa;+ ɔnyaa asomdwoeɛ+ n’ahennie nyinaa mu wɔ afã nyinaa.
7 N’ahennie+ mu bɛtrɛ na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ+ bɛba Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so, na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+ bɛwowa+ n’ahennie ama no atim firi sɛsɛɛ akɔsi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+
31 Nokwasɛm nie, saa berɛ no asafo+ a ɛwowɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwoeɛ, na wɔyɛɛ den; na berɛ a wɔde Yehowa+ suro ne honhom kronkron+ no awerɛkyekyerɛ nanteeɛ no, wɔkɔɔ so dɔreeɛ.