16 Ɛba saa a, wobɛgye wɔn mma mmaa ama wo mma mmarima aware,+ na sɛ wɔn mma mmaa no ne wɔn anyame bɔ adwaman a, wɔbɛma wo mma mmarima no nso ne wɔn anyame no abɔ adwaman.+
12 Na mommfa mo mma mmaa mmma wɔn mma mmarima awareɛ,+ na monnnye wɔn mma mmaa awareɛ mmma mo mma mmarima; monnhwehwɛ asomdwoeɛ+ ne yiedie mmma wɔn da biara da, na moayɛ den+ na moadi asase no so nnepa, na moafa de agya mo mma daa.’+
2 Ɛnna Yehiel+ ba Sekania a ɔfiri Elam+ mma mu ka kyerɛɛ Esra sɛ: “Yɛn deɛ, yɛato yɛn Nyankopɔn mmara sɛ yɛakɔwareware ananafoɔ mmaa a wɔwɔ asase no soɔ+ ne wɔn abɛtena. Nanso anidasoɔ+ wɔ hɔ ma Israel wɔ asɛm yi mu.