7 “Na mɛma apam a me ne wo+ ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ sɛ daa apam+ de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba nyinaa so, na mɛyɛ Onyankopɔn ama wo ne w’aseni.+
9 Wonim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛ nokorɛ Nyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ+ a ɔdi n’apam soɔ,+ na wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ no, ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ wɔn kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem so.+
33 “Yei ne apam+ a me ne Israel fie bɛyɛ no nna no akyi,”+ Yehowa asɛm nie. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu+ na matwerɛ no wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+