11Ɔman no mu mmapɔmma+ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔbɔɔ ntonto+ de yii edu biara mu baako sɛ ɔnkɔtena Yerusalem, kuro kronkron+ no mu, na nkron a aka no deɛ, wɔtenatenaa nkuro a aka no mu.
22 Na mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so,+ Israel mmepɔ so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so,+ na wɔrenkɔ so nyɛ aman mmienu bio, na wɔn mu rempaepae nyɛ ahennie mmienu bio.+
11 Na wɔbɛka Yudafoɔ ne Israelfoɔ abom ayɛ wɔn baako+ na wɔde baako asi wɔn so sɛ wɔn ti; na wɔbɛfiri asase no so aba,+ na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.+