25 Yehowa bɛma woadi nkoguo w’atamfo anim.+ Wobɛfa kwan baako so akɔ wɔn so na woafa akwan nson so adwane afiri wɔn anim, na wo ho bɛyɛ asase so ahemman nyinaa hu.+
6 Na Israel mmarima hunuu sɛ wɔn ho akyere wɔn+ paa ɛfiri sɛ ɔman no ho hiahiaa wɔn. Ɛnna ɔman no dwane kɔhuntaa abodan+ ne amena ne abotan ne ntokuro ne nsubura mu.
7 Berɛ a Israel mmarima a wɔwɔ asasetamaa no so ne Yordan mpɔtamu hɔ hunuu sɛ Israel asraafoɔ no adwane, na Saul ne ne mma nso awuwuo no, wɔdwane firii wɔn nkuro no mu;+ ɛnna Filistifoɔ no ba bɛtenatenaa hɔ.+