Numeri 3:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yeinom ne Aaron mma a wɔsraa wɔn yɛɛ wɔn asɔfoɔ maa wɔn tumi* sɛ wɔnyɛ asɔfodwuma+ no. Numeri 3:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ mu de wɔn ama no+ koraa. 1 Berɛsosɛm 6:49 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 49 Aaron+ ne ne mma na wɔbɔɔ afɔdeɛ+ wɔ ɔhyeɛ+ afɔrebukyia ne aduhwam+ afɔrebukyia so sɛdeɛ akronkronneɛ no ho adwuma nyinaa teɛ; wɔde pata+ maa Israel+ sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa.
49 Aaron+ ne ne mma na wɔbɔɔ afɔdeɛ+ wɔ ɔhyeɛ+ afɔrebukyia ne aduhwam+ afɔrebukyia so sɛdeɛ akronkronneɛ no ho adwuma nyinaa teɛ; wɔde pata+ maa Israel+ sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa.