Atemmufoɔ 20:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Afei Israelfoɔ+ nyinaa, ɔman no nyinaa, foro kɔɔ Betel kɔsuiɛ,+ na wɔtenatenaa Yehowa anim dii mmuada+ kɔsii anwummerɛ na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ+ wɔ Yehowa anim. Yoel 1:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Monhyɛ berɛ mma mmuada+ kronkron. Monyɛ afahyɛ nhyiamu titire.+ Mommoaboa mpanimfoɔ no ne asase no sofoɔ nyinaa ano mmra Yehowa mo Nyankopɔn fie,+ na monsu mfrɛ Yehowa na ɔmmoa mo.+ Yoel 2:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Enti afei,” Yehowa asɛm nie, “momfiri mo akoma nyinaa mu mfa mmuadadie+ ne esũ ne agyaadwoɔtwa+ nsan mmra me nkyɛn.+
26 Afei Israelfoɔ+ nyinaa, ɔman no nyinaa, foro kɔɔ Betel kɔsuiɛ,+ na wɔtenatenaa Yehowa anim dii mmuada+ kɔsii anwummerɛ na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ+ wɔ Yehowa anim.
14 Monhyɛ berɛ mma mmuada+ kronkron. Monyɛ afahyɛ nhyiamu titire.+ Mommoaboa mpanimfoɔ no ne asase no sofoɔ nyinaa ano mmra Yehowa mo Nyankopɔn fie,+ na monsu mfrɛ Yehowa na ɔmmoa mo.+
12 “Enti afei,” Yehowa asɛm nie, “momfiri mo akoma nyinaa mu mfa mmuadadie+ ne esũ ne agyaadwoɔtwa+ nsan mmra me nkyɛn.+