4 Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo panin Hilkia+ ne asɔfoɔ a wɔdi hɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ+ no sɛ wɔnyiyi anwenneɛ a wɔyɛ maa Baal+ ne bosom dua+ no ne ɔsoro asafo+ nyinaa no mfiri Yehowa asɔredan no mu. Afei ɔkɔhyee ne nyinaa wɔ Yerusalem kurotia, Kidron+ ho mfuwa mu, na ɔde ɛho nsõ no kɔɔ Betel.+
6 Afei nso, ɔyii bosom dua+ no firii Yehowa fie hɔ de kɔɔ Yerusalem kurotia, Kidron subɔn no mu, na ɔhyee+ no Kidron subɔn no mu, na ɔyam no muhumuhu, na ɔtoo mfuturo no guu ɔmanfoɔ asieeɛ.+
16 Asa nanabaa Maaka+ nso, ɔhene+ tuu no adeɛ so, na wamma no anyɛ ɔbaapanin+ bio, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni huhuuhu bi a wɔde som abosonnua;+ enti Asa twaa honi+ no bubuu no gɔsɔgɔsɔ na ɔkɔhyee+ no Kidron subɔn+ no mu.