36 Mommɔ egya afɔdeɛ mma Yehowa nnanson. Da a ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ mo nhyiamu kronkron,+ na mommɔ egya afɔdeɛ mma Yehowa. Ɛyɛ nhyiamu titire. Monnyɛ adwumaden biara.
18 Na ɛfiri da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtwa toɔ no, wɔkenkanee nokorɛ Nyankopɔn mmara nwoma no den da biara;+ wɔdii afahyɛ no nnanson, na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu titire bi sɛdeɛ mmara no kyerɛ.+