Deuteronomium 32:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa tene.+Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.+ Dwom 11:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa tene;+ ɔdɔ adetenenee.+Teefoɔ na wɔbɛhunu n’anim.+ Dwom 139:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Mɛkamfo wo ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+Wo nnwuma yɛ nwanwa,+Na me kra nim saa yie.+ Dwom 139:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Berɛ a meyɛ mogyatoa mpo no, w’ani hunuu me,+Na wɔtwerɛɛ m’akwaa nyinaa wɔ wo nwoma mu,Nna a wɔnweneeɛ no,+Nanso na emu baako mpo nnya mmaeɛ. Daniel 9:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “Yehowa, wode w’ani sii mmusuo no so, na wode baa yɛn so.+ Yehowa yɛn Nyankopɔn, wotene wo nnwuma a woayɛ nyinaa mu, na yɛn deɛ, yɛantie wo nne.+ Adiyisɛm 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+
4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa tene.+Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.+
14 Mɛkamfo wo ɛfiri sɛ sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.+Wo nnwuma yɛ nwanwa,+Na me kra nim saa yie.+
16 Berɛ a meyɛ mogyatoa mpo no, w’ani hunuu me,+Na wɔtwerɛɛ m’akwaa nyinaa wɔ wo nwoma mu,Nna a wɔnweneeɛ no,+Nanso na emu baako mpo nnya mmaeɛ.
14 “Yehowa, wode w’ani sii mmusuo no so, na wode baa yɛn so.+ Yehowa yɛn Nyankopɔn, wotene wo nnwuma a woayɛ nyinaa mu, na yɛn deɛ, yɛantie wo nne.+
3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+