7 ɛnneɛ me nso mɛtwa Israel afiri asase a mede ama wɔn no so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene,+ na wɔde Israel aka asɛm asere+ adi ho fɛ aman nyinaa mu.
9 mɛyi wɔn ama de mmusuo aba wɔn so ama asase so ahennie nyinaa awoso,+ na mɛma wɔayɛ ahohoradeɛ, na wɔde wɔn bɛka asɛm asere asopa wɔn,+ na wɔayɛ nnome,+ baabiara a mɛhwete wɔn akorɔ.+