Exodus 15:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 W’adɔeɛ mu na wodii ɔman a woagye wɔn+ no anim;Wo tumi so na wode wɔn bɛkɔ wo tenabea kronkron hɔ.+ Deuteronomium 15:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Kae sɛ na woyɛ akoa Egypt asase so na Yehowa wo Nyankopɔn gyee woɔ.+ Ɛno nti na mede mmara yi rema wo nnɛ no. Dwom 130:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Momma Israel ntwɛn Yehowa.+Yehowa nkyɛn na adɔeɛ wɔ,+Na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.+ Mateo 1:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɔbɛwo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ wɔto ne din Yesu,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye+ ne manfoɔ+ afiri wɔn bɔne mu.”+ Luka 1:68 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 68 “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ sɛ wama n’ani aba ne nkurɔfoɔ+ so na wagye+ wɔn. Adiyisɛm 7:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na wɔde nne kɛseɛ team sɛ: “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Nyankopɔn+ a ɔte ahennwa+ no soɔ ne Adwammaa no hɔ.”+
13 W’adɔeɛ mu na wodii ɔman a woagye wɔn+ no anim;Wo tumi so na wode wɔn bɛkɔ wo tenabea kronkron hɔ.+
15 Kae sɛ na woyɛ akoa Egypt asase so na Yehowa wo Nyankopɔn gyee woɔ.+ Ɛno nti na mede mmara yi rema wo nnɛ no.
21 Ɔbɛwo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ wɔto ne din Yesu,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye+ ne manfoɔ+ afiri wɔn bɔne mu.”+
10 Na wɔde nne kɛseɛ team sɛ: “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Nyankopɔn+ a ɔte ahennwa+ no soɔ ne Adwammaa no hɔ.”+