43 wo ara firi ɔsoro, wo tenabea+ hɔ tie na yɛ ɔhɔhoɔ no abisadeɛ a ɔde to w’anim nyinaa ma no,+ na ama asase so aman nyinaa ahunu wo din+ na wɔasuro wo sɛdeɛ wo man Israel suro woɔ no, na wɔahunu sɛ wo din na ɛda efie a masie yi soɔ.+
15 Deɛ Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ deɛ ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm nie: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne deɛ wabubuo na ne honhom abrɛ aseɛ na ɛteɛ,+ sɛ mɛma abrɛfoɔ honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya ahoɔden.+
24 Na ɛnyɛ kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ,+ a ɛyɛ kronkronbea paa no ho sɛnkyerɛnne+ no mu na Kristo hyɛneeɛ, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa+ sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.+