Dwom 7:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wabɔ amena, na watutu mu;+Nanso amena a watuo no, ɔno ara na ɔbɛhwe mu.+ Dwom 35:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wɔasum me fidie wɔ amena mu+ kwa;Wɔatu amena ama me kra+ kwa. Dwom 119:78 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 78 Ma ahantanfoɔ ani nwu, ɛfiri sɛ wɔadaadaa me kwa.+Na me deɛ, w’ahyɛdeɛ na medwendwene ho.+ Mmebusɛm 16:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Ohuhuni bɔre hwehwɛ bɔne,+ na n’ano te sɛ egya a ɛhyehyeɛ.+ Yeremia 18:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Bɔne na wɔde retua papa so ka anaa?+ Wɔn deɛ, wɔatu amena ama me kra.+ Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim kaa wɔn ho asɛmpa sɛ dane w’abufuo firi wɔn soɔ+ no.
20 Bɔne na wɔde retua papa so ka anaa?+ Wɔn deɛ, wɔatu amena ama me kra.+ Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim kaa wɔn ho asɛmpa sɛ dane w’abufuo firi wɔn soɔ+ no.