31 Ɛbaa saa no nkurɔfoɔ no gye diiɛ.+ Na berɛ a wɔtee sɛ Yehowa adane n’ani+ aba Israelfoɔ so na wahunu wɔn amanehunu+ no, wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butuu fam.+
11 Na ɔkaa ntam+ sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu+ na wokae me,+ na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a, ɛnneɛ mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na yiwan renka ne ti.”+
9 Berɛ a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.+ Na ɔno ara ne bɔfoɔ gyee wɔn.+ Ne dɔ ne n’ahummɔborɔ nti ɔgyee wɔn,+ na ɔmaa wɔn so turuu wɔn tete nna no nyinaa mu.+