2 Samuel 7:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Na afei, Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone nokorɛ Nyankopɔn no, na wo nsɛm a woaka no, ma no mmra mu+ ɛfiri sɛ wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ.+ 1 Ahemfo 17:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Afei na mahunu sɛ woyɛ Onyankopɔn nipa+ ampa, na Yehowa asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokorɛ.”+ Dwom 12:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Yehowa nsɛm yɛ nsɛm a ɛho teɛ,+Ɛte sɛ dwetɛ a wɔapa mu wɔ fam fononoo mu, deɛ wɔayiyi mu mprɛ nson. Dwom 119:140 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 140 W’asɛm yɛ deɛ wɔapa mu yie,+Na w’akoa ani gye ho sɛ.+ Mmebusɛm 30:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Onyankopɔn nsɛm nyinaa ho te.+ Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no.+ Yohane 17:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Fa nokorɛ no yɛ wɔn kronkron;+ w’asɛm+ yɛ nokorɛ.+
28 Na afei, Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone nokorɛ Nyankopɔn no, na wo nsɛm a woaka no, ma no mmra mu+ ɛfiri sɛ wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ.+
24 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Afei na mahunu sɛ woyɛ Onyankopɔn nipa+ ampa, na Yehowa asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokorɛ.”+
6 Yehowa nsɛm yɛ nsɛm a ɛho teɛ,+Ɛte sɛ dwetɛ a wɔapa mu wɔ fam fononoo mu, deɛ wɔayiyi mu mprɛ nson.