Dwom 63:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Me kra mee sɛ deɛ ɔnya adepa ne sradeɛ,+Na m’ano de ahurisi dwom bɛyi wo ayɛ.+ Dwom 71:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 O Onyankopɔn, wofiri me mmɔfraase na akyerɛkyerɛ me,+Maka w’anwanwadwuma ho asɛm de abɛsi nnɛ.+ Dwom 145:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wɔbɛka wo papayɛ bebrebe no ho nsɛm pii,+Na wo tenenee nti wɔbɛto ahurisi dwom.+ Yohane 4:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nanso obiara a ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, sukɔm renne no da,+ na mmom nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ asutire+ wɔ ne mu a ɛpu kɔ daa nkwa mu.”+
14 Nanso obiara a ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, sukɔm renne no da,+ na mmom nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ asutire+ wɔ ne mu a ɛpu kɔ daa nkwa mu.”+