Mmebusɛm 5:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Me ba, tie me nyansa.+ Yɛ aso ma me na woanya nhunumu,+ Mmebusɛm 13:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Deɛ ɔne anyansafoɔ nante no bɛyɛ onyansafoɔ,+ na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no, ɛbɛwie no bɔne.+ Yesaia 55:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Monyɛ aso+ na mommra me nkyɛn.+ Montie na mo kra nnya nkwa,+ na me ne mo bɛyɛ daa apam,+ adɔeɛ a Dawid nyaeɛ a ɛyɛ nokorɛ no ho.+ Mateo 17:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ! mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no a megye no tom;+ montie no.”+
3 Monyɛ aso+ na mommra me nkyɛn.+ Montie na mo kra nnya nkwa,+ na me ne mo bɛyɛ daa apam,+ adɔeɛ a Dawid nyaeɛ a ɛyɛ nokorɛ no ho.+
5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ! mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no a megye no tom;+ montie no.”+