18 Na n’asomfoɔ no baako bɛkaa sɛ: “Hwɛ! Mahunu Betlehemni Yese ba bi a ɔnim bɔ yie;+ ɔyɛ ɔbarima kokoɔdurofoɔ a ne ho yɛ den+ ne ɔkofoɔ,+ ɔnim kasa,+ na ɔyɛ ɔbarima mũ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+
23 Nna no mu no, na Ahitofel afotuo te sɛ deɛ obi akɔ nokorɛ Nyankopɔn nkyɛn akɔbisa biribi. Saa na na Ahitofel+ afotuo+ nyinaa teɛ ma Dawid ne Absalom nyinaa.
14 Ná ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ+ a ɔwɔ nyansa ne nteaseɛ+ ne nimdeɛ a ɔde yɛ kɔbere ho adwuma biara; ne maame yɛ Naftali abusuakuo mu kunafoɔ, na ne papa yɛ Tironi.+ Ɔbaa Ɔhene Solomon nkyɛn bɛyɛɛ ne nnwuma nyinaa maa no.