Mmebusɛm
6 Me ba, sɛ woadi wo yɔnko agyinamu,+ sɛ woakyea ɔhɔhoɔ nsam de agyina n’akyi,+ 2 sɛ w’anom asɛm asum wo fidie,+ sɛ w’ano akɔpɛ asɛm ama wo a, 3 ɛnneɛ me ba, yɛ yei fa tete wo ho, ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam:+ Kɔbrɛ wo ho ase, kɔ na kɔdwan wo yɔnko no ho.+ 4 Mma nna mmma w’ani so, na mma w’ani nnkum.+ 5 Gye wo ho sɛ adowa gye ne ho ɔbɔmmɔfoɔ nsam na anomaa gye ne ho anomaayifoɔ nsam+ no.
6 Ɔkwadwofoɔ,+ kɔ tɛtea nkyɛn;+ hwɛ n’akwan, na hunu nyansa. 7 Ɔnni otitire, ɔpanin anaa sodifoɔ, 8 nanso ɔsiesie n’aduane ahuhuro berɛ mu;+ na ɔboaboa n’aduane ano twaberɛ mu. 9 Ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn?+ Berɛ bɛn na wobɛsɔre afiri wo nna mu?+ 10 Wode nna kakra, nkotɔ kakra, mɛpono me nsa mada kakra,+ 11 wode saa ara na wo hia abɛto wo sɛ korɔmfoɔ,+ na w’ahokyerɛ aba sɛ ɛkyɛmkurafoɔ.+
12 Onipa huhuo,+ onipa mumuyɔfoɔ de ano kɔntɔnkye+ nenam, 13 ɔbubu n’ani,+ ɔde ne nan kasa, na ɔde ne nsateaa nso kasa.+ 14 Nkontomposɛm wɔ n’akoma mu.+ Pɔ bɔne na daa ɔbɔ.+ Ɔtoto nkurɔfoɔ ntam.+ 15 Ɛno nti na n’amanehunu bɛba mpofirem;+ wɔbɛbubu no prɛko pɛ, na ɔrennya ayaresa.+
16 Nneɛma nsia na Yehowa kyire;+ nson na ɛyɛ ne kra tan:+ 17 ani a ɛtra ntɔn,+ atorɔ kɛtrɛma,+ ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo,+ 18 akoma a ɛbɔ pɔ bɔne,+ ɛnan a ɛtu mmirika kɔ bɔne mu,+ 19 ɔdansekunumufoɔ a ɔtwa nkontompo,+ ne obi a ɔtoto anuanom ntam.+
20 Me ba, di wo papa mmara nsɛm so,+ na nnya wo maame mmara.+ 21 Fa kyekyere w’akoma ho daa;+ fa bebare wo kɔn.+ 22 Sɛ wonante a, ɛbɛkyerɛ wo kwan;+ sɛ woda a, ɛbɛhwɛ wo so;+ sɛ wonyane a, ɛbɛdwene wo ho. 23 Na mmara nsɛm no yɛ kanea,+ mmara no yɛ hann,+ na ntenesoɔ ne kasakyerɛ yɛ nkwa kwan;+ 24 ɛbɛbɔ wo ho ban afiri ɔbaa bɔne+ ne ɔbaa huhuni a n’ano yɛ dɛ ho.+ 25 Mma wo kɔn nnnɔ n’ahoɔfɛ w’akoma mu,+ mma n’ani mma adabadabaa no nntwetwe wo,+ 26 ɛfiri sɛ deɛ ɔdi ɔbaa dwamanfoɔ akyi no, ɛbɛka no paanoo sini;+ obi yere nso kyini hwehwɛ ɔkra+ a ne boɔ yɛ den. 27 Obi bɛtumi de gya ahyɛ ne kokom a ne ntadeɛ renhyeɛ?+ 28 Anaa obi bɛtumi anante nsramma so a ɛrenhye no? 29 Saa ara na obi a ɔkɔ ne yɔnko yere+ ho no teɛ, obiara nni hɔ a ɔde ne ho ka no a, ɔbɛfa ne ho adie.+ 30 Ɔkorɔmfoɔ, sɛ ɔwia adeɛ sɛ ɔde rema ne kra amee sɛ́ ɛkɔm de no nti a, nnipa remmu no animtia. 31 Nanso sɛ wɔkye no a, ɔbɛbɔ dekodeɛ no ho mprɛ nson; ɔde n’ahodeɛ a ɛwɔ ne fie nyinaa bɛma.+ 32 Obiara a ɔne ɔbaa sɛe awareɛ no nni ti;*+ deɛ ɔyɛ saa no sɛe ɔno ara ne kra.+ 33 Ɔhaw ne animguaseɛ na ɛbɛba ne soɔ,+ na n’ahohora nso rempepa da.+ 34 Okunu ninkuntwe+ de abufuhyeɛ ba, na ɔrenhu mmɔbɔ aweredi da.+ 35 Ɔremmu mpata biara, na woma no akyɛdeɛ kɛseɛ sɛ deɛn ara a, ɔrempene.