12 Na seesei deɛ yɛhunu nneɛma wisiwisi wɔ dadeɛ ahwehwɛ mu,+ nanso afei ɛbɛyɛ animu ne animu.+ Seesei me nimdeɛ nni mũ, nanso afei mɛnya nimdeɛ a ɛdi mu sɛdeɛ me nso wɔnim me yie no.+
6 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔkaa sɛ: “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,”+ na ɔde Onyankopɔn ho nimdeɛ+ a ɛho wɔ nyam no ahyerɛn yɛn akoma so+ ama emu ayɛ hann Kristo anim.+
19 Enti wɔahyɛ nkɔmhyɛsɛm+ no mu den+ ama yɛn; na ɛyɛ sɛ moama mo ani aku ho sɛ kanea+ a ɛhyerɛn sum mu wɔ mo akomam kɔsi sɛ adeɛ bɛkye ama adekyeeɛ nsoromma+ apue.