Mmebusɛm 21:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Abɔnefoɔ amumuyɔsɛm na ɛde wɔn bɛkorɔ,+ ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.+ Mmebusɛm 28:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no bɛnya nkwa,+ na deɛ ɔkyea n’akwan no bɛhwe ase prɛko pɛ.+ Yesaia 1:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Na wɔbɛsɛe atuatefoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa prɛko,+ na wɔatwa wɔn a wɔgya Yehowa no afiri hɔ.+