Mmebusɛm 3:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Yehowa nnome wɔ ɔbɔnefoɔ fie so,+ na ateneneefoɔ tenabea deɛ, ɔhyira.+ Mmebusɛm 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wɔbɛtutu abɔnefoɔ ase ama wɔayera,+ na ateneneefoɔ fie deɛ, ɛbɛgyina daa.+ Mmebusɛm 21:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ɔteneneeni No de n’ani to fam hwɛ ɔbɔnefoɔ fie;+ ɔtutu abɔnefoɔ ase ma wɔhunu mmusuo.+