Dwom 33:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Yehowa.+Momma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ho mpopo n’anim.+ Mmebusɛm 23:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Mma w’akoma ani mmmere abɔnefoɔ,+ na suro Yehowa daa nyinaa.+ Ɔsɛnkafoɔ 7:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɛyɛ sɛ wobɛfa deɛ ɛdi kan no, na deɛ ɛdi akyire no nso nyi wo nsa mfiri ho;+ deɛ ɔsuro Nyankopɔn no de ne nyinaa bɛyɛ adwuma.+ Ɔsɛnkafoɔ 12:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro nokorɛ Nyankopɔn+ no na di ne mmara nsɛm so.+ Na yei ne onipa asɛdeɛ. Yesaia 50:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Mo mu hwan na ɔsuro+ Yehowa, na ɔtie n’akoa asɛm,+ deɛ ɔnam sum mu daa+ a hann biara nhyerɛn mma no no? Ma no mfa ne ho nto Yehowa din so,+ na ɔmfa ne ho ntwere ne Nyankopɔn.+
18 Ɛyɛ sɛ wobɛfa deɛ ɛdi kan no, na deɛ ɛdi akyire no nso nyi wo nsa mfiri ho;+ deɛ ɔsuro Nyankopɔn no de ne nyinaa bɛyɛ adwuma.+
13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro nokorɛ Nyankopɔn+ no na di ne mmara nsɛm so.+ Na yei ne onipa asɛdeɛ.
10 Mo mu hwan na ɔsuro+ Yehowa, na ɔtie n’akoa asɛm,+ deɛ ɔnam sum mu daa+ a hann biara nhyerɛn mma no no? Ma no mfa ne ho nto Yehowa din so,+ na ɔmfa ne ho ntwere ne Nyankopɔn.+