Dwom 15:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Deɛ ɔnante nokorɛdie mu+ na ɔyɛ adetenenee,+Na ɔka nokwasɛm n’akomam.+ Dwom 77:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mɛkae me sankudwom anadwo;+Mɛsusu ho m’akomam,+Na mɛhwehwɛ nneɛma mu yie me mu. Mmebusɛm 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Sɛ nyansa ba w’akoma mu+ na nimdeɛ sɔ wo kra ani+ a, Mmebusɛm 15:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Ɔteneneeni akoma dwene ansa na ama mmuaeɛ,+ na amumuyɔfoɔ ano woro nsɛmmɔne.+ Mateo 12:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano mu de nneɛma pa ma,+ na nipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano mu de nneɛma bɔne ma.+
35 Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano mu de nneɛma pa ma,+ na nipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano mu de nneɛma bɔne ma.+