Numeri 32:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Nanso sɛ moanyɛ saa a, ɛnneɛ na moayɛ bɔne atia Yehowa.+ Na monhunu sɛ mo bɔne bɛbɔ mo tiri so.+ Hiob 18:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔbɔnefoɔ deɛ, ne kanea bɛdum+Na ne gyaframa renhyerɛn. Dwom 11:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Yehowa na ɔpɛɛpɛɛ ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛfoɔ mu,+Na obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, Ne kra kyiri no koraa.+ Dwom 37:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio;+Na wohwehwɛ ne tenabea a, na ɔnni hɔ.+ Yesaia 57:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ,”+ me Nyankopɔn na aka. Mateo 25:46 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 46 Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ɔsɛeɛ mu,+ na wɔn a wɔtene no bɛkɔ daa nkwa mu.”+ 2 Petro 2:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na mmarima yi a wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn deɛ ara ne sɛ wɔbɛwo wɔn ama wɔakyere wɔn asɛe wɔn no, wɔn na nneɛma a wɔnnim a wɔkasa tia+ no ara nti, wɔbɛfa wɔn ara wɔn sɛeɛ kwan so akɔ ɔsɛeɛ mu,
5 Yehowa na ɔpɛɛpɛɛ ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛfoɔ mu,+Na obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, Ne kra kyiri no koraa.+
12 Na mmarima yi a wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn deɛ ara ne sɛ wɔbɛwo wɔn ama wɔakyere wɔn asɛe wɔn no, wɔn na nneɛma a wɔnnim a wɔkasa tia+ no ara nti, wɔbɛfa wɔn ara wɔn sɛeɛ kwan so akɔ ɔsɛeɛ mu,