Ɔsɛnkafoɔ 2:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Me deɛ, mekaa no m’akomam sɛ:+ “Sɛdeɛ ɛwie ɔkwasea+ no, me nso saa ara na ɛbɛwie me.”+ Ɛnneɛ mebɛyɛɛ onyansafoɔ pii saa+ yɛɛ dɛn? Enti mekaa no m’akomam sɛ: “Yei nso yɛ ahuhudeɛ.” Ɔsɛnkafoɔ 7:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Nyɛ wo ho ɔteneneeni dodo,+ na nyɛ wo ho onyansafoɔ nso ntra so.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe wo ho?+ 1 Korintofoɔ 3:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Na bio nso: “Yehowa nim sɛ anyansafoɔ nsusuiɛ yɛ kwa.”+
15 Me deɛ, mekaa no m’akomam sɛ:+ “Sɛdeɛ ɛwie ɔkwasea+ no, me nso saa ara na ɛbɛwie me.”+ Ɛnneɛ mebɛyɛɛ onyansafoɔ pii saa+ yɛɛ dɛn? Enti mekaa no m’akomam sɛ: “Yei nso yɛ ahuhudeɛ.”
16 Nyɛ wo ho ɔteneneeni dodo,+ na nyɛ wo ho onyansafoɔ nso ntra so.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe wo ho?+