Solomon Dwom 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “Hwɛ, m’akomam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!+ Mese, wo ho yɛ fɛ! W’ani mma yɛ aborɔnoma ani mma.”+ Solomon Dwom 4:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Me nuabaa,+ m’ayeforɔ,+ mehu wo a na me yam ahye me, w’ani+ baako ne wo kɔnmuadeɛ mu kaa baako mpo ma m’akoma bɔ paripari. Solomon Dwom 7:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wo kɔn+ te sɛ abantenten a wɔde asommɛn atoɔ. W’ani mma+ te sɛ Hesbon+ atadeɛ wɔ Bat-Rabim pono ano. Na wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛhwɛ Damasko.
9 Me nuabaa,+ m’ayeforɔ,+ mehu wo a na me yam ahye me, w’ani+ baako ne wo kɔnmuadeɛ mu kaa baako mpo ma m’akoma bɔ paripari.
4 Wo kɔn+ te sɛ abantenten a wɔde asommɛn atoɔ. W’ani mma+ te sɛ Hesbon+ atadeɛ wɔ Bat-Rabim pono ano. Na wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛhwɛ Damasko.